Psalms 49

Koramma dwom.


1 Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa;
monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,

2 nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu,
adefo ne ahiafo nyinaa.

3 Mʼano bɛka anyansasɛm;
nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.

4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm;
na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.


5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba,
bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,

6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so
na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?

7 Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa
na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,

8 nkwa ho mpata bo yɛ den,
akatua biara renso,

9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ
a ɔrenhu porɔwee.

10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu;
saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu,
na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.

11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ,
wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu,
ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.


12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa;
ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.


13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di,
ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.

14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu,
na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan.
Atreneefo bedi wɔn so anɔpa;
wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu,
na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware.

15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu;
ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.


16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo;
na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;

17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ,
nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.

18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no,
efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,

19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho,
wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.


20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no
te sɛ mmoa a wowu.
Copyright information for TwiAKNA